Yesaia 65:10
Isaiah 65:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saron bɛyɛ nnwankuo adidibea, na Akɔr bɔnhwa no ayɛ anantwikuo homebea, ama me nkurɔfoɔ a wɔhwehwɛ me.
Isaiah 65:10 in English
Isaiah 65:10 · Berean Standard Bible
Sharon will become a pasture for flocks, and the Valley of Achor a resting place for herds, for My people who seek Me.
Context
8Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Sɛdeɛ wɔnya nsuo firi bobe dontwo mu
na nnipa ka sɛ, ‘Monnsɛe no,
ɛfiri sɛ adepa bi da so wɔ mu’ no
saa ara na mʼasomfoɔ no enti mɛyɛ.
Merensɛe wɔn nyinaa. 9Mede Yakob asefoɔ bɛba,
na me mmepɔ no sodifoɔ afiri Yuda aba;
me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn adeɛ,
na ɛhɔ na mʼasomfoɔ bɛtena. 10Saron bɛyɛ nnwankuo adidibea,
na Akɔr bɔnhwa no ayɛ anantwikuo homebea,
ama me nkurɔfoɔ a wɔhwehwɛ me. 11“Na mo a mogya Awurade
na mo werɛ firi ne bepɔ kronkron no,
mo a moto ɛpono ma Ahonya bosom no
na mohyɛ afransa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea bosom no, 12mede mo bɛto akofena ano,
na mo nyinaa akoto ama wɔakum mo;
ɛfiri sɛ mefrɛeɛ nanso moannye so,
mekasaeɛ nanso moantie.
Moyɛɛ deɛ ɛyɛ mʼani so bɔne
na moyɛɛ deɛ mempɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.