Native Bible

Isaiah 65:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Na mo a mogya Awurade na mo werɛ firi ne bepɔ kronkron no, mo a moto ɛpono ma Ahonya bosom no na mohyɛ afransa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea bosom no,

Isaiah 65:11 in English

Isaiah 65:11 · Berean Standard Bible

But you who forsake the LORD, who forget My holy mountain, who set a table for Fortune * and fill bowls of mixed wine for Destiny,*

Context

9Mede Yakob asefoɔ bɛba, na me mmepɔ no sodifoɔ afiri Yuda aba; me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn adeɛ, na ɛhɔ na mʼasomfoɔ bɛtena. 10Saron bɛyɛ nnwankuo adidibea, na Akɔr bɔnhwa no ayɛ anantwikuo homebea, ama me nkurɔfoɔ a wɔhwehwɛ me. 11“Na mo a mogya Awurade na mo werɛ firi ne bepɔ kronkron no, mo a moto ɛpono ma Ahonya bosom no na mohyɛ afransa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea bosom no, 12mede mo bɛto akofena ano, na mo nyinaa akoto ama wɔakum mo; ɛfiri sɛ mefrɛeɛ nanso moannye so, mekasaeɛ nanso moantie. Moyɛɛ deɛ ɛyɛ mʼani so bɔne na moyɛɛ deɛ mempɛ.” 13Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Mʼasomfoɔ bɛdidi, nanso ɛkɔm bɛde wɔn, mʼasomfoɔ bɛnom, nanso osukɔm bɛde wɔn; mʼasomfoɔ ani bɛgye, nanso wɔn anim bɛgu ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.