Native Bible

Isaiah 65:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔremmrɛ nnwu na wɔrenwo mma a wɔn hyɛberɛ nnyɛ; ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn, wɔne wɔn asefoɔ.

Isaiah 65:23 in English

Isaiah 65:23 · Berean Standard Bible

They will not labor in vain or bear children doomed to disaster; for they will be a people blessed by the LORD— they and their descendants with them.

Context

21Wɔbɛsisi afie na wɔatena mu, wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba. 22Wɔrensisi afie mma afoforɔ mmɛtena mu bio, na wɔrennua mma afoforɔ mmɛdi. Na nna a nnua di no, saa ara na me nkurɔfoɔ nna bɛyɛ; me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛre. 23Wɔremmrɛ nnwu na wɔrenwo mma a wɔn hyɛberɛ nnyɛ; ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn, wɔne wɔn asefoɔ. 24Mɛbua wɔn ansa na wɔafrɛ me. Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, mɛtie. 25Pataku ne odwammaa bɛdidi abɔ mu; gyata bɛwe ɛserɛ sɛ ɔnantwie, nanso mfuturo bɛyɛ ɔwɔ aduane. Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi wɔ me bepɔ kronkron so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.