Yesaia 65:25
Isaiah 65:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Pataku ne odwammaa bɛdidi abɔ mu; gyata bɛwe ɛserɛ sɛ ɔnantwie, nanso mfuturo bɛyɛ ɔwɔ aduane. Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi wɔ me bepɔ kronkron so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Isaiah 65:25 in English
Isaiah 65:25 · Berean Standard Bible
The wolf and the lamb will feed together, and the lion will eat straw like the ox, but the food of the serpent * will be dust. They will neither harm nor destroy on all My holy mountain,” says the LORD.
Context
23Wɔremmrɛ nnwu
na wɔrenwo mma a wɔn hyɛberɛ nnyɛ;
ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn,
wɔne wɔn asefoɔ. 24Mɛbua wɔn ansa na wɔafrɛ me.
Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, mɛtie. 25Pataku ne odwammaa bɛdidi abɔ mu;
gyata bɛwe ɛserɛ sɛ ɔnantwie,
nanso mfuturo bɛyɛ ɔwɔ aduane.
Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi
wɔ me bepɔ kronkron so nyinaa,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.