Native Bible

Isaiah 65:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛbua wɔn ansa na wɔafrɛ me. Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, mɛtie.

Isaiah 65:24 in English

Isaiah 65:24 · Berean Standard Bible

Even before they call, I will answer, and while they are still speaking, I will hear.

Context

22Wɔrensisi afie mma afoforɔ mmɛtena mu bio, na wɔrennua mma afoforɔ mmɛdi. Na nna a nnua di no, saa ara na me nkurɔfoɔ nna bɛyɛ; me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛre. 23Wɔremmrɛ nnwu na wɔrenwo mma a wɔn hyɛberɛ nnyɛ; ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn, wɔne wɔn asefoɔ. 24Mɛbua wɔn ansa na wɔafrɛ me. Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, mɛtie. 25Pataku ne odwammaa bɛdidi abɔ mu; gyata bɛwe ɛserɛ sɛ ɔnantwie, nanso mfuturo bɛyɛ ɔwɔ aduane. Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi wɔ me bepɔ kronkron so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.