Native Bible

Isaiah 51:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɔhaw prenu yi aba wo so, hwan na ɔbɛkyekye wo werɛ? Mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ, ɛkɔm ne akofena, hwan na ɔbɛhyɛ wo den?

Isaiah 51:19 in English

Isaiah 51:19 · Berean Standard Bible

These pairs have befallen you: devastation and destruction, famine and sword. Who will grieve for you? Who can comfort you?*

Context

17Nyane, nyane! Sɔre, Ao, Yerusalem! Wo a wanom afiri Awurade nsam nʼabufuo kuruwa no, wo a wanom apɔɔdɔ mu nsã atu puo deɛ ɛma nnipa tɔ ntintan no. 18Wo mma a wowoo wɔn nyinaa mu obiara nni hɔ a ɔkyerɛ wo ɛkwan; mmammarima a wotetee wɔn nyinaa mu obiara nni hɔ a ɔsɔ wo nsa mu. 19Saa ɔhaw prenu yi aba wo so, hwan na ɔbɛkyekye wo werɛ? Mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ, ɛkɔm ne akofena, hwan na ɔbɛhyɛ wo den? 20Wo mma atotɔ baha; wɔdeda mmɔntene so baabiara, te sɛ ɔtwe a afidie ayi no. Awurade abufuo aba wɔn so wo Onyankopɔn animka no. 21Enti tie yei, wo a worehunu amaneɛ waboro, na nso ɛnyɛ nsã na aboro woɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.