Yesaia 51:21
Isaiah 51:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti tie yei, wo a worehunu amaneɛ waboro, na nso ɛnyɛ nsã na aboro woɔ.
Isaiah 51:21 in English
Isaiah 51:21 · Berean Standard Bible
Therefore now hear this, you afflicted one, drunken, but not with wine.
Context
19Saa ɔhaw prenu yi aba wo so,
hwan na ɔbɛkyekye wo werɛ?
Mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ, ɛkɔm ne akofena,
hwan na ɔbɛhyɛ wo den? 20Wo mma atotɔ baha;
wɔdeda mmɔntene so baabiara,
te sɛ ɔtwe a afidie ayi no.
Awurade abufuo aba wɔn so
wo Onyankopɔn animka no. 21Enti tie yei, wo a worehunu amaneɛ
waboro, na nso ɛnyɛ nsã na aboro woɔ. 22Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade,
wo Onyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfoɔ ho ban seɛ:
“Hwɛ, magye afiri wo nsa mu
kuruwa a ɛma wotɔɔ ntintan no
kuruwa a ɛyɛ mʼabufuo pɔɔdɔ no,
worennom bio. 23Mede bɛhyɛ wɔn a wɔha mo no nsa mu,
wɔn a wɔka kyerɛɛ mo sɛ,
‘Butu fam na yɛnnante wo so.’
Na wode wʼakyi yɛɛ fam
te sɛ abɔntene a wɔnante so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.