Native Bible

Isaiah 51:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wo mma atotɔ baha; wɔdeda mmɔntene so baabiara, te sɛ ɔtwe a afidie ayi no. Awurade abufuo aba wɔn so wo Onyankopɔn animka no.

Isaiah 51:20 in English

Isaiah 51:20 · Berean Standard Bible

Your sons have fainted; they lie at the head of every street, like an antelope in a net. They are full of the wrath of the LORD, the rebuke of your God.

Context

18Wo mma a wowoo wɔn nyinaa mu obiara nni hɔ a ɔkyerɛ wo ɛkwan; mmammarima a wotetee wɔn nyinaa mu obiara nni hɔ a ɔsɔ wo nsa mu. 19Saa ɔhaw prenu yi aba wo so, hwan na ɔbɛkyekye wo werɛ? Mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ, ɛkɔm ne akofena, hwan na ɔbɛhyɛ wo den? 20Wo mma atotɔ baha; wɔdeda mmɔntene so baabiara, te sɛ ɔtwe a afidie ayi no. Awurade abufuo aba wɔn so wo Onyankopɔn animka no. 21Enti tie yei, wo a worehunu amaneɛ waboro, na nso ɛnyɛ nsã na aboro woɔ. 22Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, wo Onyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfoɔ ho ban seɛ: “Hwɛ, magye afiri wo nsa mu kuruwa a ɛma wotɔɔ ntintan no kuruwa a ɛyɛ mʼabufuo pɔɔdɔ no, worennom bio.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.