Yesaia 51:18
Isaiah 51:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wo mma a wowoo wɔn nyinaa mu obiara nni hɔ a ɔkyerɛ wo ɛkwan; mmammarima a wotetee wɔn nyinaa mu obiara nni hɔ a ɔsɔ wo nsa mu.
Isaiah 51:18 in English
Isaiah 51:18 · Berean Standard Bible
Among all the sons she bore, there is no one to guide her; among all the sons she brought up, there is no one to take her hand.
Context
16Mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu,
na mede me nsa ase nwunu akata wo so.
Me a mede ɔsorosoro sii hɔ
na mehyɛɛ asase ase
na meka kyerɛ Sion sɛ, ‘Moyɛ me nkurɔfoɔ.’ ” 17Nyane, nyane!
Sɔre, Ao, Yerusalem!
Wo a wanom afiri Awurade nsam
nʼabufuo kuruwa no,
wo a wanom apɔɔdɔ mu nsã atu puo
deɛ ɛma nnipa tɔ ntintan no. 18Wo mma a wowoo wɔn nyinaa mu
obiara nni hɔ a ɔkyerɛ wo ɛkwan;
mmammarima a wotetee wɔn nyinaa mu
obiara nni hɔ a ɔsɔ wo nsa mu. 19Saa ɔhaw prenu yi aba wo so,
hwan na ɔbɛkyekye wo werɛ?
Mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ, ɛkɔm ne akofena,
hwan na ɔbɛhyɛ wo den? 20Wo mma atotɔ baha;
wɔdeda mmɔntene so baabiara,
te sɛ ɔtwe a afidie ayi no.
Awurade abufuo aba wɔn so
wo Onyankopɔn animka no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.