Yesaia 51:23
Isaiah 51:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mede bɛhyɛ wɔn a wɔha mo no nsa mu, wɔn a wɔka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Butu fam na yɛnnante wo so.’ Na wode wʼakyi yɛɛ fam te sɛ abɔntene a wɔnante so.”
Isaiah 51:23 in English
Isaiah 51:23 · Berean Standard Bible
I will place it in the hands of your tormentors, who told you: ‘Lie down, so we can walk over you,’ so that you made your back like the ground, like a street to be traversed.”
Context
21Enti tie yei, wo a worehunu amaneɛ
waboro, na nso ɛnyɛ nsã na aboro woɔ. 22Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade,
wo Onyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfoɔ ho ban seɛ:
“Hwɛ, magye afiri wo nsa mu
kuruwa a ɛma wotɔɔ ntintan no
kuruwa a ɛyɛ mʼabufuo pɔɔdɔ no,
worennom bio. 23Mede bɛhyɛ wɔn a wɔha mo no nsa mu,
wɔn a wɔka kyerɛɛ mo sɛ,
‘Butu fam na yɛnnante wo so.’
Na wode wʼakyi yɛɛ fam
te sɛ abɔntene a wɔnante so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.