Native Bible

Isaiah 5:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Bobefuo kɛseɛ pa ara no nsã kakra bi na ɛbɛfiri mu. Aba lita aduonu baako a wɔdua no wɔbɛnya so lita aduonu mmienu pɛ.”

Isaiah 5:10 in English

Isaiah 5:10 · Berean Standard Bible

For ten acres of vineyard will yield but a bath of wine,* and a homer of seed only an ephah of grain.*”

Context

8Nnome nka mo a mode efie ka efie ho na mogyegye mfuo bobɔ soɔ kɔsi sɛ asase no bɛsa na ɛka mo nko ara wɔ asase no so. 9Asafo Awurade apae mu aka ama mate: “Nokorɛm afie akɛseɛ no bɛda mpan, na mmorɔsan fɛfɛ no, obiara rentena mu. 10Bobefuo kɛseɛ pa ara no nsã kakra bi na ɛbɛfiri mu. Aba lita aduonu baako a wɔdua no wɔbɛnya so lita aduonu mmienu pɛ.” 11Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema kɔhwehwɛ wɔn nsã akyiri kwan, wɔn a wɔsiri pɛ kɔsi sɛ nsã bɛbo wɔn. 12Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn apontoɔ ase, akasaeɛ, ne atɛntɛbɛn ne nsã, nanso wɔtwiri deɛ Awurade ayɛ, na wɔmmu ne nsa ano adwuma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.