Yesaia 5:8
Isaiah 5:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnome nka mo a mode efie ka efie ho na mogyegye mfuo bobɔ soɔ kɔsi sɛ asase no bɛsa na ɛka mo nko ara wɔ asase no so.
Isaiah 5:8 in English
Isaiah 5:8 · Berean Standard Bible
Woe to you who add house to house and join field to field until no place is left and you live alone in the land.
Context
6Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan
a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma,
ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bɛnyini wɔ so.
Mɛhyɛ omununkum
na wantɔ nsuo angu so.” 7Asafo Awurade bobe turo no
yɛ Israel fie,
na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho.
Ɔpɛɛ atɛn tenenee nanso ɔhunuu mogyahwiegu;
ɔpɛɛ tenenee nanso ɔtee mmɔborɔ su. 8Nnome nka mo a mode efie ka efie ho
na mogyegye mfuo bobɔ soɔ
kɔsi sɛ asase no bɛsa
na ɛka mo nko ara wɔ asase no so. 9Asafo Awurade apae mu aka ama mate:
“Nokorɛm afie akɛseɛ no bɛda mpan,
na mmorɔsan fɛfɛ no, obiara rentena mu. 10Bobefuo kɛseɛ pa ara no
nsã kakra bi na ɛbɛfiri mu.
Aba lita aduonu baako a wɔdua no
wɔbɛnya so lita aduonu mmienu pɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.