Native Bible

Isaiah 5:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asafo Awurade bobe turo no yɛ Israel fie, na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho. Ɔpɛɛ atɛn tenenee nanso ɔhunuu mogyahwiegu; ɔpɛɛ tenenee nanso ɔtee mmɔborɔ su.

Isaiah 5:7 in English

Isaiah 5:7 · Berean Standard Bible

For the vineyard of the LORD of Hosts is the house of Israel, and the men of Judah are the plant of His delight. He looked for justice, but saw bloodshed; for righteousness, but heard a cry of distress.

Context

5Afei, mɛka deɛ merebɛyɛ me bobefuo no akyerɛ wo: Mɛyi ɛho ban no afiri hɔ, na wɔbɛsɛe no; mɛbubu ɛho fasuo, na wɔbɛtiatia so. 6Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma, ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bɛnyini wɔ so. Mɛhyɛ omununkum na wantɔ nsuo angu so.” 7Asafo Awurade bobe turo no yɛ Israel fie, na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho. Ɔpɛɛ atɛn tenenee nanso ɔhunuu mogyahwiegu; ɔpɛɛ tenenee nanso ɔtee mmɔborɔ su. 8Nnome nka mo a mode efie ka efie ho na mogyegye mfuo bobɔ soɔ kɔsi sɛ asase no bɛsa na ɛka mo nko ara wɔ asase no so. 9Asafo Awurade apae mu aka ama mate: “Nokorɛm afie akɛseɛ no bɛda mpan, na mmorɔsan fɛfɛ no, obiara rentena mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.