Native Bible

Isaiah 5:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn apontoɔ ase, akasaeɛ, ne atɛntɛbɛn ne nsã, nanso wɔtwiri deɛ Awurade ayɛ, na wɔmmu ne nsa ano adwuma.

Isaiah 5:12 in English

Isaiah 5:12 · Berean Standard Bible

At their feasts are the lyre and harp, tambourines and flutes and wine. They disregard the actions of the LORD and fail to see the work of His hands.

Context

10Bobefuo kɛseɛ pa ara no nsã kakra bi na ɛbɛfiri mu. Aba lita aduonu baako a wɔdua no wɔbɛnya so lita aduonu mmienu pɛ.” 11Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema kɔhwehwɛ wɔn nsã akyiri kwan, wɔn a wɔsiri pɛ kɔsi sɛ nsã bɛbo wɔn. 12Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn apontoɔ ase, akasaeɛ, ne atɛntɛbɛn ne nsã, nanso wɔtwiri deɛ Awurade ayɛ, na wɔmmu ne nsa ano adwuma. 13Ɛno enti, me nkurɔfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu, ɛfiri sɛ, wɔnni nteaseɛ; ɛkɔm bɛkum wɔn mu atitire na osukɔm bɛtware wɔn mu bebree. 14Enti, damena akɔnnɔ yɛ kɛseɛ na ɔbue nʼanom bayaa; na emu na atitire ne ɛdɔm no bɛkɔ wɔne wɔn a wɔsa na wɔgye wɔn ani.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.