Yesaia 5:11
Isaiah 5:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema kɔhwehwɛ wɔn nsã akyiri kwan, wɔn a wɔsiri pɛ kɔsi sɛ nsã bɛbo wɔn.
Isaiah 5:11 in English
Isaiah 5:11 · Berean Standard Bible
Woe to those who rise early in the morning in pursuit of strong drink, who linger into the evening, to be inflamed by wine.
Context
9Asafo Awurade apae mu aka ama mate:
“Nokorɛm afie akɛseɛ no bɛda mpan,
na mmorɔsan fɛfɛ no, obiara rentena mu. 10Bobefuo kɛseɛ pa ara no
nsã kakra bi na ɛbɛfiri mu.
Aba lita aduonu baako a wɔdua no
wɔbɛnya so lita aduonu mmienu pɛ.” 11Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema
kɔhwehwɛ wɔn nsã akyiri kwan,
wɔn a wɔsiri pɛ
kɔsi sɛ nsã bɛbo wɔn. 12Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn apontoɔ ase,
akasaeɛ, ne atɛntɛbɛn ne nsã,
nanso wɔtwiri deɛ Awurade ayɛ,
na wɔmmu ne nsa ano adwuma. 13Ɛno enti, me nkurɔfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu,
ɛfiri sɛ, wɔnni nteaseɛ;
ɛkɔm bɛkum wɔn mu atitire
na osukɔm bɛtware wɔn mu bebree.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.