Native Bible

Isaiah 49:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sei na Awurade seɛ, Ɔgyefoɔ ne Israel Ɔkronkronni no de asɛm yi kɔma deɛ ɔman no buu no animtia na wɔkyirii no, deɛ ɔyɛ sodifoɔ ɔsomfoɔ no: “Ahene bɛhunu wo na wɔasɔre ahenemma bɛhunu wo na wɔakoto wo ɛsiane Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ, Israel ɔkronkronni a wayi woɔ no enti.”

Isaiah 49:7 in English

Isaiah 49:7 · Berean Standard Bible

Thus says the LORD, the Redeemer and Holy One of Israel, to Him who was despised and abhorred by the nation, to the Servant of rulers: “Kings will see You and rise, and princes will bow down, because of the LORD, who is faithful, the Holy One of Israel, who has chosen You.”

Context

5Na afei, Awurade akasa: deɛ ɔnwonoo me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne ɔsomfoɔ na memfa Yakob nsane mmra ne nkyɛn na me mmoaboa Israel ano mma no no. Awurade ahyɛ me animuonyam na me Onyankopɔn ayɛ mʼahoɔden. 6Ɔka sɛ, “Wobɛyɛ me ɔsomfoɔ a wode Yakob mmusuakuo bɛsane aba, na wode Israelfoɔ a mede wɔn asie nso bɛsane aba. Nanso, mɛma woayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea, ɛnam wo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.” 7Sei na Awurade seɛ, Ɔgyefoɔ ne Israel Ɔkronkronni no de asɛm yi kɔma deɛ ɔman no buu no animtia na wɔkyirii no, deɛ ɔyɛ sodifoɔ ɔsomfoɔ no: “Ahene bɛhunu wo na wɔasɔre ahenemma bɛhunu wo na wɔakoto wo ɛsiane Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ, Israel ɔkronkronni a wayi woɔ no enti.” 8Sei na Awurade seɛ: “Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo, na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo; mɛkora wo na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfoɔ no, de agye asase no asi hɔ akyekyɛ agyapadeɛ ahodoɔ a asɛe no bio. 9Wobɛka akyerɛ nneduafoɔ sɛ, ‘Momfiri mmra!’ ne wɔn a wɔwɔ esum mu sɛ, ‘Momfa mo ho nni!’ “Wɔbɛdidi wɔ akwan ho. Wɔbɛnya adidibea wɔ kokoɔ bonini biara so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.