Yesaia 49:6
Isaiah 49:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔka sɛ, “Wobɛyɛ me ɔsomfoɔ a wode Yakob mmusuakuo bɛsane aba, na wode Israelfoɔ a mede wɔn asie nso bɛsane aba. Nanso, mɛma woayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea, ɛnam wo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.”
Isaiah 49:6 in English
Isaiah 49:6 · Berean Standard Bible
He says: “It is not enough for You to be My Servant, to raise up the tribes of Jacob, and to restore the protected ones of Israel. I will also make You a light for the nations, to bring My salvation to the ends of the earth.”*
Context
4Nanso mekaa sɛ, “Mabrɛ agu
masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee
nanso mede me ho ato Awurade so
na mʼakatua wɔ me Onyankopɔn nkyɛn.” 5Na afei, Awurade akasa:
deɛ ɔnwonoo me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne ɔsomfoɔ
na memfa Yakob nsane mmra ne nkyɛn
na me mmoaboa Israel ano mma no no.
Awurade ahyɛ me animuonyam
na me Onyankopɔn ayɛ mʼahoɔden. 6Ɔka sɛ,
“Wobɛyɛ me ɔsomfoɔ a wode Yakob mmusuakuo bɛsane aba,
na wode Israelfoɔ a mede wɔn asie nso bɛsane aba.
Nanso, mɛma woayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea,
ɛnam wo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.” 7Sei na Awurade seɛ,
Ɔgyefoɔ ne Israel Ɔkronkronni no
de asɛm yi kɔma deɛ ɔman no buu no animtia na wɔkyirii no,
deɛ ɔyɛ sodifoɔ ɔsomfoɔ no:
“Ahene bɛhunu wo na wɔasɔre
ahenemma bɛhunu wo na wɔakoto wo
ɛsiane Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ,
Israel ɔkronkronni a wayi woɔ no enti.” 8Sei na Awurade seɛ:
“Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo,
na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo;
mɛkora wo na mede wo ayɛ
apam ama nkurɔfoɔ no,
de agye asase no asi hɔ
akyekyɛ agyapadeɛ ahodoɔ a asɛe no bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.