Native Bible

Isaiah 49:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na afei, Awurade akasa: deɛ ɔnwonoo me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne ɔsomfoɔ na memfa Yakob nsane mmra ne nkyɛn na me mmoaboa Israel ano mma no no. Awurade ahyɛ me animuonyam na me Onyankopɔn ayɛ mʼahoɔden.

Isaiah 49:5 in English

Isaiah 49:5 · Berean Standard Bible

And now says the LORD, who formed Me from the womb to be His Servant, to bring Jacob back to Him, that Israel might be gathered to Him— for I am honored in the sight of the LORD, and My God is My strength—

Context

3Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me ɔsomfoɔ, Israel, wo mu na mɛda mʼanimuonyam adi.” 4Nanso mekaa sɛ, “Mabrɛ agu masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee nanso mede me ho ato Awurade so na mʼakatua wɔ me Onyankopɔn nkyɛn.” 5Na afei, Awurade akasa: deɛ ɔnwonoo me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne ɔsomfoɔ na memfa Yakob nsane mmra ne nkyɛn na me mmoaboa Israel ano mma no no. Awurade ahyɛ me animuonyam na me Onyankopɔn ayɛ mʼahoɔden. 6Ɔka sɛ, “Wobɛyɛ me ɔsomfoɔ a wode Yakob mmusuakuo bɛsane aba, na wode Israelfoɔ a mede wɔn asie nso bɛsane aba. Nanso, mɛma woayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea, ɛnam wo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.” 7Sei na Awurade seɛ, Ɔgyefoɔ ne Israel Ɔkronkronni no de asɛm yi kɔma deɛ ɔman no buu no animtia na wɔkyirii no, deɛ ɔyɛ sodifoɔ ɔsomfoɔ no: “Ahene bɛhunu wo na wɔasɔre ahenemma bɛhunu wo na wɔakoto wo ɛsiane Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ, Israel ɔkronkronni a wayi woɔ no enti.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.