Native Bible

Isaiah 49:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me ɔsomfoɔ, Israel, wo mu na mɛda mʼanimuonyam adi.”

Isaiah 49:3 in English

Isaiah 49:3 · Berean Standard Bible

He said to Me, “You are My Servant, Israel, in whom I will display My glory.”

Context

1Montie me, mo mpoano aman; monyɛ aso mo akyirikyiri aman ansa na wɔrebɛwo me no, Awurade frɛɛ me ɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me. 2Ɔyɛɛ mʼano sɛ akofena nnamnnam, Ɔde me hintaa ne nsa ase nwunu mu; ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam na ɔde me hyɛɛ ne bɔha mu. 3Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me ɔsomfoɔ, Israel, wo mu na mɛda mʼanimuonyam adi.” 4Nanso mekaa sɛ, “Mabrɛ agu masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee nanso mede me ho ato Awurade so na mʼakatua wɔ me Onyankopɔn nkyɛn.” 5Na afei, Awurade akasa: deɛ ɔnwonoo me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne ɔsomfoɔ na memfa Yakob nsane mmra ne nkyɛn na me mmoaboa Israel ano mma no no. Awurade ahyɛ me animuonyam na me Onyankopɔn ayɛ mʼahoɔden.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.