Yesaia 49:2
Isaiah 49:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔyɛɛ mʼano sɛ akofena nnamnnam, Ɔde me hintaa ne nsa ase nwunu mu; ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam na ɔde me hyɛɛ ne bɔha mu.
Isaiah 49:2 in English
Isaiah 49:2 · Berean Standard Bible
He made My mouth like a sharp sword; He hid Me in the shadow of His hand. He made Me like a polished arrow; He hid Me in His quiver.
Context
1Montie me, mo mpoano aman;
monyɛ aso mo akyirikyiri aman
ansa na wɔrebɛwo me no, Awurade frɛɛ me
ɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me. 2Ɔyɛɛ mʼano sɛ akofena nnamnnam,
Ɔde me hintaa ne nsa ase nwunu mu;
ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam
na ɔde me hyɛɛ ne bɔha mu. 3Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me ɔsomfoɔ,
Israel, wo mu na mɛda mʼanimuonyam adi.” 4Nanso mekaa sɛ, “Mabrɛ agu
masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee
nanso mede me ho ato Awurade so
na mʼakatua wɔ me Onyankopɔn nkyɛn.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.