Native Bible

Isaiah 49:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sei na Awurade seɛ: “Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo, na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo; mɛkora wo na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfoɔ no, de agye asase no asi hɔ akyekyɛ agyapadeɛ ahodoɔ a asɛe no bio.

Isaiah 49:8 in English

Isaiah 49:8 · Berean Standard Bible

This is what the LORD says: “In the time of favor I will answer You, and in the day of salvation I will help You;* I will keep You and appoint You to be a covenant for the people, to restore the land, to apportion its desolate inheritances,

Context

6Ɔka sɛ, “Wobɛyɛ me ɔsomfoɔ a wode Yakob mmusuakuo bɛsane aba, na wode Israelfoɔ a mede wɔn asie nso bɛsane aba. Nanso, mɛma woayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea, ɛnam wo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.” 7Sei na Awurade seɛ, Ɔgyefoɔ ne Israel Ɔkronkronni no de asɛm yi kɔma deɛ ɔman no buu no animtia na wɔkyirii no, deɛ ɔyɛ sodifoɔ ɔsomfoɔ no: “Ahene bɛhunu wo na wɔasɔre ahenemma bɛhunu wo na wɔakoto wo ɛsiane Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ, Israel ɔkronkronni a wayi woɔ no enti.” 8Sei na Awurade seɛ: “Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo, na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo; mɛkora wo na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfoɔ no, de agye asase no asi hɔ akyekyɛ agyapadeɛ ahodoɔ a asɛe no bio. 9Wobɛka akyerɛ nneduafoɔ sɛ, ‘Momfiri mmra!’ ne wɔn a wɔwɔ esum mu sɛ, ‘Momfa mo ho nni!’ “Wɔbɛdidi wɔ akwan ho. Wɔbɛnya adidibea wɔ kokoɔ bonini biara so. 10Ɛkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn; anweatam so hyeɛ ne owia ano hyeɛ renka wɔn. Deɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan na ɔde wɔn akɔ nsutire ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.