Yesaia 49:10
Isaiah 49:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn; anweatam so hyeɛ ne owia ano hyeɛ renka wɔn. Deɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan na ɔde wɔn akɔ nsutire ho.
Isaiah 49:10 in English
Isaiah 49:10 · Berean Standard Bible
They will not hunger or thirst, nor will scorching heat or sun beat down on them.* For He who has compassion on them will guide them and lead them beside springs of water.
Context
8Sei na Awurade seɛ:
“Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo,
na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo;
mɛkora wo na mede wo ayɛ
apam ama nkurɔfoɔ no,
de agye asase no asi hɔ
akyekyɛ agyapadeɛ ahodoɔ a asɛe no bio. 9Wobɛka akyerɛ nneduafoɔ sɛ, ‘Momfiri mmra!’
ne wɔn a wɔwɔ esum mu sɛ, ‘Momfa mo ho nni!’
“Wɔbɛdidi wɔ akwan ho.
Wɔbɛnya adidibea wɔ kokoɔ bonini biara so. 10Ɛkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn;
anweatam so hyeɛ ne owia ano hyeɛ renka wɔn.
Deɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan
na ɔde wɔn akɔ nsutire ho. 11Mɛyɛ me mmepɔ nyinaa akwan,
na mʼakwantempɔn nso mɛma akorɔn. 12Hwɛ, wɔfiri akyirikyiri bɛba
ebinom bɛfiri atifi fam, ebinom bɛfiri atɔeɛ fam
ebinom nso bɛfiri Sinin mantam mu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.