Native Bible

Isaiah 45:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛma Kores so wɔ me tenenee mu; mɛtenetene nʼakwan nyinaa. Ɔbɛsane akyekyere me kuropɔn na wagyaa mʼatukɔfoɔ, nanso ɔrennye akatua anaa akyɛdeɛ, Asafo Awurade na ɔseɛ.”

Isaiah 45:13 in English

Isaiah 45:13 · Berean Standard Bible

I will raise up Cyrus in righteousness, and I will make all his ways straight. He will rebuild My city and set My exiles free, but not for payment or reward, says the LORD of Hosts.”

Context

11“Sei na Awurade seɛ, Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfoɔ; ɛfa nneɛma a ɛreba ho no. Wobisa me nsɛm a ɛfa me mma ho, anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho? 12Ɛyɛ me na meyɛɛ asase na mebɔɔ adasamma guu so. Me ara me nsa na mede trɛɛ ɔsoro mu; nsoromma ahodoɔ nyinaa hyɛ mʼase. 13Mɛma Kores so wɔ me tenenee mu; mɛtenetene nʼakwan nyinaa. Ɔbɛsane akyekyere me kuropɔn na wagyaa mʼatukɔfoɔ, nanso ɔrennye akatua anaa akyɛdeɛ, Asafo Awurade na ɔseɛ.” 14Sei na Awurade seɛ: “Nneɛma a ɛfiri Misraim ne adwadeɛ a ɛfiri Kus, ne Sebafoɔ atentene no, wɔbɛba wo nkyɛn abɛyɛ wo dea; wɔbɛdi wʼakyi brɛoo aba a wɔgu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Wɔbɛbu nkotodwe wʼanim na wɔasrɛ wo aka sɛ, ‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na ɔbi nni hɔ; onyame biara nni hɔ.’ ” 15Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie, Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.