Yesaia 45:14
Isaiah 45:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sei na Awurade seɛ: “Nneɛma a ɛfiri Misraim ne adwadeɛ a ɛfiri Kus, ne Sebafoɔ atentene no, wɔbɛba wo nkyɛn abɛyɛ wo dea; wɔbɛdi wʼakyi brɛoo aba a wɔgu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Wɔbɛbu nkotodwe wʼanim na wɔasrɛ wo aka sɛ, ‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na ɔbi nni hɔ; onyame biara nni hɔ.’ ”
Isaiah 45:14 in English
Isaiah 45:14 · Berean Standard Bible
This is what the LORD says: “The products of Egypt and the merchandise of Cush,* along with the Sabeans, men of stature, will come over to you and will be yours; they will trudge behind you; they will come over in chains and bow down to you. They will confess to you: ‘God is indeed with you, and there is no other; there is no other God.’”
Context
12Ɛyɛ me na meyɛɛ asase
na mebɔɔ adasamma guu so.
Me ara me nsa na mede trɛɛ ɔsoro mu;
nsoromma ahodoɔ nyinaa hyɛ mʼase. 13Mɛma Kores so wɔ me tenenee mu;
mɛtenetene nʼakwan nyinaa.
Ɔbɛsane akyekyere me kuropɔn
na wagyaa mʼatukɔfoɔ,
nanso ɔrennye akatua anaa akyɛdeɛ,
Asafo Awurade na ɔseɛ.” 14Sei na Awurade seɛ:
“Nneɛma a ɛfiri Misraim ne adwadeɛ a ɛfiri Kus,
ne Sebafoɔ atentene no,
wɔbɛba wo nkyɛn
abɛyɛ wo dea;
wɔbɛdi wʼakyi brɛoo aba a
wɔgu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.
Wɔbɛbu nkotodwe wʼanim
na wɔasrɛ wo aka sɛ,
‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na ɔbi nni hɔ;
onyame biara nni hɔ.’ ” 15Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie,
Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa. 16Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase;
wɔbɛbɔ mu akɔ animguaseɛ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.