Native Bible

Isaiah 45:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie, Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa.

Isaiah 45:15 in English

Isaiah 45:15 · Berean Standard Bible

Truly You are a God who hides Himself, O God of Israel, the Savior.

Context

13Mɛma Kores so wɔ me tenenee mu; mɛtenetene nʼakwan nyinaa. Ɔbɛsane akyekyere me kuropɔn na wagyaa mʼatukɔfoɔ, nanso ɔrennye akatua anaa akyɛdeɛ, Asafo Awurade na ɔseɛ.” 14Sei na Awurade seɛ: “Nneɛma a ɛfiri Misraim ne adwadeɛ a ɛfiri Kus, ne Sebafoɔ atentene no, wɔbɛba wo nkyɛn abɛyɛ wo dea; wɔbɛdi wʼakyi brɛoo aba a wɔgu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Wɔbɛbu nkotodwe wʼanim na wɔasrɛ wo aka sɛ, ‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na ɔbi nni hɔ; onyame biara nni hɔ.’ ” 15Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie, Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa. 16Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase; wɔbɛbɔ mu akɔ animguaseɛ mu. 17Nanso, Awurade bɛgye Israel nkwa, ɔde daapem nkwagyeɛ; Wɔremma wʼani nwu na wʼanim renguase bio kɔsi daapem.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.