Native Bible

Isaiah 45:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, Awurade bɛgye Israel nkwa, ɔde daapem nkwagyeɛ; Wɔremma wʼani nwu na wʼanim renguase bio kɔsi daapem.

Isaiah 45:17 in English

Isaiah 45:17 · Berean Standard Bible

But Israel will be saved by the LORD with an everlasting salvation; you will not be put to shame or humiliated, to ages everlasting.

Context

15Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie, Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa. 16Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase; wɔbɛbɔ mu akɔ animguaseɛ mu. 17Nanso, Awurade bɛgye Israel nkwa, ɔde daapem nkwagyeɛ; Wɔremma wʼani nwu na wʼanim renguase bio kɔsi daapem. 18Na sei na Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ ɔsorosoro no ɔno ne Onyankopɔn; deɛ ɔmaa asase, na ɔbɔeɛ no, ɔno na ɔtoo ne fapem; wammɔ no sɛ ɛso nna hɔ kwa, mmom ɔyɛeɛ sɛ nnipa ntena so, ɔka sɛ: “Me ne Awurade, na obi nni hɔ. 19Menkasaa wɔ kɔkoam, mfiri asase so baabi a aduru sum; manka ankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ, ‘Sɛ mohwehwɛ me a monnhunu me.’ Me Awurade, meka nokorɛ no; meka deɛ ɛyɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.