Yesaia 45:19
Isaiah 45:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Menkasaa wɔ kɔkoam, mfiri asase so baabi a aduru sum; manka ankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ, ‘Sɛ mohwehwɛ me a monnhunu me.’ Me Awurade, meka nokorɛ no; meka deɛ ɛyɛ.
Isaiah 45:19 in English
Isaiah 45:19 · Berean Standard Bible
I have not spoken in secret, from a place in a land of darkness. I did not say to the descendants of Jacob, ‘Seek Me in a wasteland.’ I, the LORD, speak the truth; I say what is right.
Context
17Nanso, Awurade bɛgye Israel nkwa,
ɔde daapem nkwagyeɛ;
Wɔremma wʼani nwu na wʼanim renguase bio
kɔsi daapem. 18Na sei na Awurade seɛ,
deɛ ɔbɔɔ ɔsorosoro no
ɔno ne Onyankopɔn;
deɛ ɔmaa asase, na ɔbɔeɛ no,
ɔno na ɔtoo ne fapem;
wammɔ no sɛ ɛso nna hɔ kwa,
mmom ɔyɛeɛ sɛ nnipa ntena so,
ɔka sɛ:
“Me ne Awurade,
na obi nni hɔ. 19Menkasaa wɔ kɔkoam,
mfiri asase so baabi a aduru sum;
manka ankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ,
‘Sɛ mohwehwɛ me a monnhunu me.’
Me Awurade, meka nokorɛ no;
meka deɛ ɛyɛ. 20“Mommoaboa mo ho ano na mommra;
monhyia mu, mo adwanefoɔ a mofiri amanaman so,
mo a monnim de na moasoa nnua ahoni de kyinkyini,
mo a mobɔ anyame a wɔntumi nnye nkwa no mpaeɛ. 21Mompae mu nka deɛ ɛbɛsi. Momfa nto dwa
na wɔn mmɔ mu ntu agyina.
Hwan na ɔdii ɛkan kaa no teteete,
hwan na ɔdaa no adi firi tete nteredee?
Ɛnyɛ me Awurade anaa?
Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho,
tenenee Onyankopɔn ne Agyenkwa;
obiara nni hɔ sɛ me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.