Native Bible

Isaiah 45:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mompae mu nka deɛ ɛbɛsi. Momfa nto dwa na wɔn mmɔ mu ntu agyina. Hwan na ɔdii ɛkan kaa no teteete, hwan na ɔdaa no adi firi tete nteredee? Ɛnyɛ me Awurade anaa? Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho, tenenee Onyankopɔn ne Agyenkwa; obiara nni hɔ sɛ me.

Isaiah 45:21 in English

Isaiah 45:21 · Berean Standard Bible

Speak up and present your case— yes, let them take counsel together. Who foretold this long ago? Who announced it from ancient times? Was it not I, the LORD? There is no other God but Me, a righteous God and Savior; there is none but Me.

Context

19Menkasaa wɔ kɔkoam, mfiri asase so baabi a aduru sum; manka ankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ, ‘Sɛ mohwehwɛ me a monnhunu me.’ Me Awurade, meka nokorɛ no; meka deɛ ɛyɛ. 20“Mommoaboa mo ho ano na mommra; monhyia mu, mo adwanefoɔ a mofiri amanaman so, mo a monnim de na moasoa nnua ahoni de kyinkyini, mo a mobɔ anyame a wɔntumi nnye nkwa no mpaeɛ. 21Mompae mu nka deɛ ɛbɛsi. Momfa nto dwa na wɔn mmɔ mu ntu agyina. Hwan na ɔdii ɛkan kaa no teteete, hwan na ɔdaa no adi firi tete nteredee? Ɛnyɛ me Awurade anaa? Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho, tenenee Onyankopɔn ne Agyenkwa; obiara nni hɔ sɛ me. 22“Monnane mmra me nkyɛn na monnya nkwa, mo a mowɔ asase ano nyinaa; ɛfiri sɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ. 23Maka me ho ntam, mʼano aka wɔ nokorɛdie nyinaa mu, asɛm a wɔntwe nsane sɛ: obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim. Na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.