Native Bible

Isaiah 45:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Monnane mmra me nkyɛn na monnya nkwa, mo a mowɔ asase ano nyinaa; ɛfiri sɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.

Isaiah 45:22 in English

Isaiah 45:22 · Berean Standard Bible

Turn to Me and be saved, all the ends of the earth; for I am God, and there is no other.

Context

20“Mommoaboa mo ho ano na mommra; monhyia mu, mo adwanefoɔ a mofiri amanaman so, mo a monnim de na moasoa nnua ahoni de kyinkyini, mo a mobɔ anyame a wɔntumi nnye nkwa no mpaeɛ. 21Mompae mu nka deɛ ɛbɛsi. Momfa nto dwa na wɔn mmɔ mu ntu agyina. Hwan na ɔdii ɛkan kaa no teteete, hwan na ɔdaa no adi firi tete nteredee? Ɛnyɛ me Awurade anaa? Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho, tenenee Onyankopɔn ne Agyenkwa; obiara nni hɔ sɛ me. 22“Monnane mmra me nkyɛn na monnya nkwa, mo a mowɔ asase ano nyinaa; ɛfiri sɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ. 23Maka me ho ntam, mʼano aka wɔ nokorɛdie nyinaa mu, asɛm a wɔntwe nsane sɛ: obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim. Na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn. 24Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, ‘Awurade nko ara mu na tenenee ne ahoɔden wɔ.’ ” Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaa bɛba ne nkyɛn na wɔn anim bɛgu ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.