Yesaia 45:23
Isaiah 45:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Maka me ho ntam, mʼano aka wɔ nokorɛdie nyinaa mu, asɛm a wɔntwe nsane sɛ: obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim. Na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.
Isaiah 45:23 in English
Isaiah 45:23 · Berean Standard Bible
By Myself I have sworn; truth has gone out from My mouth, a word that will not be revoked: Every knee will bow before Me, every tongue will swear allegiance.*
Context
21Mompae mu nka deɛ ɛbɛsi. Momfa nto dwa
na wɔn mmɔ mu ntu agyina.
Hwan na ɔdii ɛkan kaa no teteete,
hwan na ɔdaa no adi firi tete nteredee?
Ɛnyɛ me Awurade anaa?
Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho,
tenenee Onyankopɔn ne Agyenkwa;
obiara nni hɔ sɛ me. 22“Monnane mmra me nkyɛn na monnya nkwa,
mo a mowɔ asase ano nyinaa;
ɛfiri sɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ. 23Maka me ho ntam,
mʼano aka wɔ nokorɛdie nyinaa mu,
asɛm a wɔntwe nsane sɛ:
obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim.
Na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn. 24Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, ‘Awurade nko ara mu
na tenenee ne ahoɔden wɔ.’ ”
Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaa
bɛba ne nkyɛn na wɔn anim bɛgu ase. 25Nanso Awurade mu,
wɔbɛbu Israel asefoɔ nyinaa bem,
na wɔahoahoa wɔn ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.