Yesaia 45:12
Isaiah 45:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛyɛ me na meyɛɛ asase na mebɔɔ adasamma guu so. Me ara me nsa na mede trɛɛ ɔsoro mu; nsoromma ahodoɔ nyinaa hyɛ mʼase.
Isaiah 45:12 in English
Isaiah 45:12 · Berean Standard Bible
It is I who made the earth and created man upon it. It was My hands that stretched out the heavens, and I ordained all their host.
Context
10Nnome nka deɛ ɔse nʼagya sɛ
‘Adɛn enti na wowoo me?’
Anaa ɔbisa ne maame sɛ,
‘Adɛn enti na wokyem me woeɛ?’ 11“Sei na Awurade seɛ,
Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfoɔ;
ɛfa nneɛma a ɛreba ho no.
Wobisa me nsɛm a ɛfa me mma ho,
anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho? 12Ɛyɛ me na meyɛɛ asase
na mebɔɔ adasamma guu so.
Me ara me nsa na mede trɛɛ ɔsoro mu;
nsoromma ahodoɔ nyinaa hyɛ mʼase. 13Mɛma Kores so wɔ me tenenee mu;
mɛtenetene nʼakwan nyinaa.
Ɔbɛsane akyekyere me kuropɔn
na wagyaa mʼatukɔfoɔ,
nanso ɔrennye akatua anaa akyɛdeɛ,
Asafo Awurade na ɔseɛ.” 14Sei na Awurade seɛ:
“Nneɛma a ɛfiri Misraim ne adwadeɛ a ɛfiri Kus,
ne Sebafoɔ atentene no,
wɔbɛba wo nkyɛn
abɛyɛ wo dea;
wɔbɛdi wʼakyi brɛoo aba a
wɔgu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.
Wɔbɛbu nkotodwe wʼanim
na wɔasrɛ wo aka sɛ,
‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na ɔbi nni hɔ;
onyame biara nni hɔ.’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.