Native Bible

Isaiah 45:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Sei na Awurade seɛ, Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfoɔ; ɛfa nneɛma a ɛreba ho no. Wobisa me nsɛm a ɛfa me mma ho, anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?

Isaiah 45:11 in English

Isaiah 45:11 · Berean Standard Bible

Thus says the LORD, the Holy One of Israel, and its Maker: “How dare you question Me about My sons, or instruct Me in the work of My hands?

Context

9“Nnome nka deɛ ɔne ne Yɛfoɔ ham Ɛnka deɛ ɔmfra te sɛ kyɛmferɛ a ɛfra deɛ ɛgugu fam mu. Dɔteɛ bɛtumi abisa ɔnwomfoɔ sɛ, ‘ɛdeɛn na woreyɛ yi?’ Wo nsa ano adwuma bɛtumi abisa wo sɛ, ‘Wonni nsa’? 10Nnome nka deɛ ɔse nʼagya sɛ ‘Adɛn enti na wowoo me?’ Anaa ɔbisa ne maame sɛ, ‘Adɛn enti na wokyem me woeɛ?’ 11“Sei na Awurade seɛ, Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfoɔ; ɛfa nneɛma a ɛreba ho no. Wobisa me nsɛm a ɛfa me mma ho, anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho? 12Ɛyɛ me na meyɛɛ asase na mebɔɔ adasamma guu so. Me ara me nsa na mede trɛɛ ɔsoro mu; nsoromma ahodoɔ nyinaa hyɛ mʼase. 13Mɛma Kores so wɔ me tenenee mu; mɛtenetene nʼakwan nyinaa. Ɔbɛsane akyekyere me kuropɔn na wagyaa mʼatukɔfoɔ, nanso ɔrennye akatua anaa akyɛdeɛ, Asafo Awurade na ɔseɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.