Yesaia 43:12
Isaiah 43:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka sɛ, Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu. Mone mʼadansefoɔ,” Awurade na ɔseɛ sɛ, “Mene Onyankopɔn.
Isaiah 43:12 in English
Isaiah 43:12 · Berean Standard Bible
I alone decreed and saved and proclaimed— I, and not some foreign god among you. So you are My witnesses,” declares the LORD, “that I am God.
Context
10“Mone mʼadansefoɔ, ne me ɔsomfoɔ a mapa no,”
sei na Awurade seɛ,
“sɛdeɛ mobɛhunu na moagye me adie
na moate aseɛ sɛ me ne no.
Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim,
na mʼakyi nso obiara remma. 11Me, Me ara, Mene Awurade,
na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me. 12Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka sɛ,
Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu.
Mone mʼadansefoɔ,” Awurade na ɔseɛ sɛ, “Mene Onyankopɔn. 13Aane, na ɛfiri teteete no mene no.
Obiara rentumi nye mfiri me nsa mu
sɛ meyɛ biribi a, hwan na ɔbɛtumi adane no?” 14Sei na Awurade seɛ,
wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no:
“Mo enti, mɛsoma akɔ Babilonia,
na mede Babiloniafoɔ nyinaa bɛba sɛ adwanefoɔ,
wɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.