Yesaia 43:14
Isaiah 43:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sei na Awurade seɛ, wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no: “Mo enti, mɛsoma akɔ Babilonia, na mede Babiloniafoɔ nyinaa bɛba sɛ adwanefoɔ, wɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu.
Isaiah 43:14 in English
Isaiah 43:14 · Berean Standard Bible
Thus says the LORD your Redeemer, the Holy One of Israel: “For your sake, I will send to Babylon and bring them all as fugitives, even the Chaldeans,* in the ships in which they rejoice.
Context
12Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka sɛ,
Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu.
Mone mʼadansefoɔ,” Awurade na ɔseɛ sɛ, “Mene Onyankopɔn. 13Aane, na ɛfiri teteete no mene no.
Obiara rentumi nye mfiri me nsa mu
sɛ meyɛ biribi a, hwan na ɔbɛtumi adane no?” 14Sei na Awurade seɛ,
wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no:
“Mo enti, mɛsoma akɔ Babilonia,
na mede Babiloniafoɔ nyinaa bɛba sɛ adwanefoɔ,
wɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu. 15Mene Awurade, wo Kronkronni no,
Israel Yɛfoɔ, wo Ɔhene.” 16Yei na Awurade seɛ,
deɛ ɔbɔɔ ɛkwan wɔ ɛpo mu,
ɛkwan a ɛda nsubunu mu,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.