Yesaia 43:16
Isaiah 43:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei na Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ ɛkwan wɔ ɛpo mu, ɛkwan a ɛda nsubunu mu,
Isaiah 43:16 in English
Isaiah 43:16 · Berean Standard Bible
Thus says the LORD, who makes a way in the sea and a path through the surging waters,
Context
14Sei na Awurade seɛ,
wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no:
“Mo enti, mɛsoma akɔ Babilonia,
na mede Babiloniafoɔ nyinaa bɛba sɛ adwanefoɔ,
wɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu. 15Mene Awurade, wo Kronkronni no,
Israel Yɛfoɔ, wo Ɔhene.” 16Yei na Awurade seɛ,
deɛ ɔbɔɔ ɛkwan wɔ ɛpo mu,
ɛkwan a ɛda nsubunu mu, 17deɛ ɔtwee nteaseɛnam ne apɔnkɔ,
akodɔm ne ne nkekahoɔ nyinaa,
na wɔkaa hɔ a wɔansɔre bio;
wɔadum wɔn te sɛ kanea mu ntoma: 18“Momma mo werɛ mfiri kane nneɛma no
monntɔ nkɔ deɛ atwam no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.