Native Bible

Isaiah 43:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me, Me ara, Mene Awurade, na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me.

Isaiah 43:11 in English

Isaiah 43:11 · Berean Standard Bible

I, yes I, am the LORD, and there is no Savior but Me.

Context

9Aman no nyinaa boa wɔn ho ano na nnipa no hyia mu. Wɔn mu hwan na ɔkaa yei firii ahyɛaseɛ na ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn? Ma wɔmmfa wɔn adansefoɔ mmra mmɛdi adanseɛ sɛ wɔdi bem, sɛdeɛ afoforɔ bɛte na wɔaka sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ.” 10“Mone mʼadansefoɔ, ne me ɔsomfoɔ a mapa no,” sei na Awurade seɛ, “sɛdeɛ mobɛhunu na moagye me adie na moate aseɛ sɛ me ne no. Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim, na mʼakyi nso obiara remma. 11Me, Me ara, Mene Awurade, na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me. 12Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka sɛ, Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu. Mone mʼadansefoɔ,” Awurade na ɔseɛ sɛ, “Mene Onyankopɔn. 13Aane, na ɛfiri teteete no mene no. Obiara rentumi nye mfiri me nsa mu sɛ meyɛ biribi a, hwan na ɔbɛtumi adane no?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.