Yesaia 43:10
Isaiah 43:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mone mʼadansefoɔ, ne me ɔsomfoɔ a mapa no,” sei na Awurade seɛ, “sɛdeɛ mobɛhunu na moagye me adie na moate aseɛ sɛ me ne no. Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim, na mʼakyi nso obiara remma.
Isaiah 43:10 in English
Isaiah 43:10 · Berean Standard Bible
“You are My witnesses,” declares the LORD, “and My servant whom I have chosen, so that you may consider and believe Me and understand that I am He. Before Me no god was formed, and after Me none will come.
Context
8Momfa wɔn a wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ
wɔn a wɔwɔ aso nanso asisi no mmra. 9Aman no nyinaa boa wɔn ho ano
na nnipa no hyia mu.
Wɔn mu hwan na ɔkaa yei firii ahyɛaseɛ
na ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn?
Ma wɔmmfa wɔn adansefoɔ mmra mmɛdi adanseɛ sɛ wɔdi bem,
sɛdeɛ afoforɔ bɛte na wɔaka sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ.” 10“Mone mʼadansefoɔ, ne me ɔsomfoɔ a mapa no,”
sei na Awurade seɛ,
“sɛdeɛ mobɛhunu na moagye me adie
na moate aseɛ sɛ me ne no.
Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim,
na mʼakyi nso obiara remma. 11Me, Me ara, Mene Awurade,
na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me. 12Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka sɛ,
Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu.
Mone mʼadansefoɔ,” Awurade na ɔseɛ sɛ, “Mene Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.