Native Bible

Isaiah 41:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monka nkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛsi daakye, na ama yɛahunu sɛ moyɛ anyame. Monyɛ biribi, sɛ ɛyɛ anaa ɛnyɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn aba mu bɛbu na ehu aka yɛn.

Isaiah 41:23 in English

Isaiah 41:23 · Berean Standard Bible

Tell us the things that are to come, so that we may know that you are gods. Yes, do something good or evil, that we may look on together in dismay.

Context

21“Bɔ wo nkuro,” Awurade na ɔseɛ. “Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Ɔhene na ɔseɛ. 22“Fa wʼahoni no bra na wɔmmɛka deɛ ɛbɛsi nkyerɛ yɛn. Wɔmmɛka sɛdeɛ na kane nneɛma no teɛ nkyerɛ yɛn, sɛdeɛ yɛbɛdwene ho afa na yɛahunu deɛ ɛbɛfiri mu aba. Anaa sɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ɛbɛsi nkyerɛ yɛn. 23Monka nkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛsi daakye, na ama yɛahunu sɛ moyɛ anyame. Monyɛ biribi, sɛ ɛyɛ anaa ɛnyɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn aba mu bɛbu na ehu aka yɛn. 24Nanso, monnka hwee, na mo nnwuma ho nni mfasoɔ; deɛ ɔfa mo no yɛ akyiwadeɛ. 25“Makanyane obi a ɔfiri atifi fam na ɔreba, deɛ ɔfiri owia apueeɛ na ɔbɔ me din. Ɔtiatia sodifoɔ so te sɛ dɔteɛ a wɔde si dan, te sɛ ɔnwomfoɔ a ɔrewɔ dɔteɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.