Native Bible

Isaiah 41:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Fa wʼahoni no bra na wɔmmɛka deɛ ɛbɛsi nkyerɛ yɛn. Wɔmmɛka sɛdeɛ na kane nneɛma no teɛ nkyerɛ yɛn, sɛdeɛ yɛbɛdwene ho afa na yɛahunu deɛ ɛbɛfiri mu aba. Anaa sɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ɛbɛsi nkyerɛ yɛn.

Isaiah 41:22 in English

Isaiah 41:22 · Berean Standard Bible

“Let them come and tell us what will happen. Tell the former things, so that we may reflect on them and know the outcome. Or announce to us what is coming.

Context

20sɛdeɛ nnipa bɛhunu na wɔate, na wɔasusu ho na wɔate aseɛ sɛ, Awurade nsa na ayɛ saa adeɛ yi; Israel ɔkronkronni no na ɔma ɛbaeɛ. 21“Bɔ wo nkuro,” Awurade na ɔseɛ. “Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Ɔhene na ɔseɛ. 22“Fa wʼahoni no bra na wɔmmɛka deɛ ɛbɛsi nkyerɛ yɛn. Wɔmmɛka sɛdeɛ na kane nneɛma no teɛ nkyerɛ yɛn, sɛdeɛ yɛbɛdwene ho afa na yɛahunu deɛ ɛbɛfiri mu aba. Anaa sɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ɛbɛsi nkyerɛ yɛn. 23Monka nkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛsi daakye, na ama yɛahunu sɛ moyɛ anyame. Monyɛ biribi, sɛ ɛyɛ anaa ɛnyɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn aba mu bɛbu na ehu aka yɛn. 24Nanso, monnka hwee, na mo nnwuma ho nni mfasoɔ; deɛ ɔfa mo no yɛ akyiwadeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.