Yesaia 41:21
Isaiah 41:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Bɔ wo nkuro,” Awurade na ɔseɛ. “Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Ɔhene na ɔseɛ.
Isaiah 41:21 in English
Isaiah 41:21 · Berean Standard Bible
“Present your case,” says the LORD. “Submit your arguments,” says the King of Jacob.
Context
19Mɛduadua wɔ anweatam so,
ntweneduro, okuo, ohwam ne ngo nnua.
Mɛduadua pepeaa, wɔ asase wesee so
asɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ abɔ mu, 20sɛdeɛ nnipa bɛhunu na wɔate,
na wɔasusu ho na wɔate aseɛ sɛ,
Awurade nsa na ayɛ saa adeɛ yi;
Israel ɔkronkronni no na ɔma ɛbaeɛ. 21“Bɔ wo nkuro,” Awurade na ɔseɛ.
“Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Ɔhene na ɔseɛ. 22“Fa wʼahoni no bra
na wɔmmɛka deɛ ɛbɛsi nkyerɛ yɛn.
Wɔmmɛka sɛdeɛ na kane nneɛma no teɛ nkyerɛ yɛn,
sɛdeɛ yɛbɛdwene ho afa
na yɛahunu deɛ ɛbɛfiri mu aba.
Anaa sɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ɛbɛsi nkyerɛ yɛn. 23Monka nkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛsi daakye,
na ama yɛahunu sɛ moyɛ anyame.
Monyɛ biribi, sɛ ɛyɛ anaa ɛnyɛ,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn aba mu bɛbu na ehu aka yɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.