Native Bible

Isaiah 41:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛduadua wɔ anweatam so, ntweneduro, okuo, ohwam ne ngo nnua. Mɛduadua pepeaa, wɔ asase wesee so asɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ abɔ mu,

Isaiah 41:19 in English

Isaiah 41:19 · Berean Standard Bible

I will plant cedars in the wilderness, acacias, myrtles, and olive trees. I will set cypresses * in the desert, elms and boxwood together,

Context

17“Ohiani ne mmɔborɔni kyini pɛ nsuo, nanso ebi nni hɔ; osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so awe. Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuaeɛ. Me, Israel Onyankopɔn, merennya wɔn. 18Mɛma nsubɔntene atene wɔ sorɔnsorɔmmea bonini no so, na nsutire apue wɔ bɔnhwa mu. Mɛdane anweatam ayɛ no nsubura, na nsase a awo adane nsutire bebree. 19Mɛduadua wɔ anweatam so, ntweneduro, okuo, ohwam ne ngo nnua. Mɛduadua pepeaa, wɔ asase wesee so asɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ abɔ mu, 20sɛdeɛ nnipa bɛhunu na wɔate, na wɔasusu ho na wɔate aseɛ sɛ, Awurade nsa na ayɛ saa adeɛ yi; Israel ɔkronkronni no na ɔma ɛbaeɛ. 21“Bɔ wo nkuro,” Awurade na ɔseɛ. “Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Ɔhene na ɔseɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.