Native Bible

Isaiah 41:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ohiani ne mmɔborɔni kyini pɛ nsuo, nanso ebi nni hɔ; osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so awe. Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuaeɛ. Me, Israel Onyankopɔn, merennya wɔn.

Isaiah 41:17 in English

Isaiah 41:17 · Berean Standard Bible

The poor and needy seek water, but there is none; their tongues are parched with thirst. I, the LORD, will answer them; I, the God of Israel, will not forsake them.

Context

15“Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhusoɔ apa, a ɛyɛ mono, ano yɛ nnam na ɛwɔ ɛse bebree. Wobɛhuhu mmepɔ no so na woadwiri wɔn, na woama nkokoɔ ayɛ sɛ ntɛtɛ. 16Wobɛhuhu wɔn so, mframa bɛma wɔn so, na ahum abɔ wɔn akɔ. Nanso wʼani bɛgye wɔ Awurade mu na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no animuonyam. 17“Ohiani ne mmɔborɔni kyini pɛ nsuo, nanso ebi nni hɔ; osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so awe. Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuaeɛ. Me, Israel Onyankopɔn, merennya wɔn. 18Mɛma nsubɔntene atene wɔ sorɔnsorɔmmea bonini no so, na nsutire apue wɔ bɔnhwa mu. Mɛdane anweatam ayɛ no nsubura, na nsase a awo adane nsutire bebree. 19Mɛduadua wɔ anweatam so, ntweneduro, okuo, ohwam ne ngo nnua. Mɛduadua pepeaa, wɔ asase wesee so asɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ abɔ mu,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.