Native Bible

Isaiah 41:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhusoɔ apa, a ɛyɛ mono, ano yɛ nnam na ɛwɔ ɛse bebree. Wobɛhuhu mmepɔ no so na woadwiri wɔn, na woama nkokoɔ ayɛ sɛ ntɛtɛ.

Isaiah 41:15 in English

Isaiah 41:15 · Berean Standard Bible

Behold, I will make you into a threshing sledge, new and sharp, with many teeth. You will thresh the mountains and crush them, and reduce the hills to chaff.

Context

13Na mene Awurade, wo Onyankopɔn, deɛ ɔkura wo nsa nifa mu na ɔka kyerɛ wo sɛ, nsuro; mɛboa wo. 14Nsuro, Ao, ɔsonsono Yakob, Ao Israel a wo sua, na mʼankasa mɛboa wo,” Awurade na ɔseɛ, wo gyefoɔ, Israel Ɔkronkronni no. 15“Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhusoɔ apa, a ɛyɛ mono, ano yɛ nnam na ɛwɔ ɛse bebree. Wobɛhuhu mmepɔ no so na woadwiri wɔn, na woama nkokoɔ ayɛ sɛ ntɛtɛ. 16Wobɛhuhu wɔn so, mframa bɛma wɔn so, na ahum abɔ wɔn akɔ. Nanso wʼani bɛgye wɔ Awurade mu na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no animuonyam. 17“Ohiani ne mmɔborɔni kyini pɛ nsuo, nanso ebi nni hɔ; osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so awe. Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuaeɛ. Me, Israel Onyankopɔn, merennya wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.