Native Bible

Isaiah 41:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nsuro, Ao, ɔsonsono Yakob, Ao Israel a wo sua, na mʼankasa mɛboa wo,” Awurade na ɔseɛ, wo gyefoɔ, Israel Ɔkronkronni no.

Isaiah 41:14 in English

Isaiah 41:14 · Berean Standard Bible

Do not fear, O worm of Jacob, O few men of Israel. I will help you,” declares the LORD. “Your Redeemer is the Holy One of Israel.

Context

12Ɛwom sɛ wobɛhwehwɛ wʼatamfoɔ deɛ, nanso worenhunu wɔn. Wɔn a wɔtu wo so sa no rensɛ hwee koraa. 13Na mene Awurade, wo Onyankopɔn, deɛ ɔkura wo nsa nifa mu na ɔka kyerɛ wo sɛ, nsuro; mɛboa wo. 14Nsuro, Ao, ɔsonsono Yakob, Ao Israel a wo sua, na mʼankasa mɛboa wo,” Awurade na ɔseɛ, wo gyefoɔ, Israel Ɔkronkronni no. 15“Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhusoɔ apa, a ɛyɛ mono, ano yɛ nnam na ɛwɔ ɛse bebree. Wobɛhuhu mmepɔ no so na woadwiri wɔn, na woama nkokoɔ ayɛ sɛ ntɛtɛ. 16Wobɛhuhu wɔn so, mframa bɛma wɔn so, na ahum abɔ wɔn akɔ. Nanso wʼani bɛgye wɔ Awurade mu na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no animuonyam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.