Native Bible

Isaiah 41:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛwom sɛ wobɛhwehwɛ wʼatamfoɔ deɛ, nanso worenhunu wɔn. Wɔn a wɔtu wo so sa no rensɛ hwee koraa.

Isaiah 41:12 in English

Isaiah 41:12 · Berean Standard Bible

You will seek them but will not find them. Those who wage war against you will come to nothing.

Context

10Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ; mma wʼabasam mmu, na mene wo Onyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo; mede me tenenee nsa nifa bɛpagya wo. 11“Wɔn a wɔn bo afu wo no nyinaa, ampa ara wɔn ani bɛwu na wɔn anim agu ase; wɔn a wɔtia wo no rensɛ hwee na wɔbɛwu. 12Ɛwom sɛ wobɛhwehwɛ wʼatamfoɔ deɛ, nanso worenhunu wɔn. Wɔn a wɔtu wo so sa no rensɛ hwee koraa. 13Na mene Awurade, wo Onyankopɔn, deɛ ɔkura wo nsa nifa mu na ɔka kyerɛ wo sɛ, nsuro; mɛboa wo. 14Nsuro, Ao, ɔsonsono Yakob, Ao Israel a wo sua, na mʼankasa mɛboa wo,” Awurade na ɔseɛ, wo gyefoɔ, Israel Ɔkronkronni no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.