Native Bible

Isaiah 41:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Wɔn a wɔn bo afu wo no nyinaa, ampa ara wɔn ani bɛwu na wɔn anim agu ase; wɔn a wɔtia wo no rensɛ hwee na wɔbɛwu.

Isaiah 41:11 in English

Isaiah 41:11 · Berean Standard Bible

Behold, all who rage against you will be ashamed and disgraced; those who contend with you will be reduced to nothing and will perish.

Context

9Mefaa wo firi nsase ano, firi nʼakyirikyiri ntweaso, na mefrɛɛ wo. Mekaa sɛ, ‘Woyɛ me ɔsomfoɔ’; mapa wo na me ne wo wɔ hɔ. 10Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ; mma wʼabasam mmu, na mene wo Onyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo; mede me tenenee nsa nifa bɛpagya wo. 11“Wɔn a wɔn bo afu wo no nyinaa, ampa ara wɔn ani bɛwu na wɔn anim agu ase; wɔn a wɔtia wo no rensɛ hwee na wɔbɛwu. 12Ɛwom sɛ wobɛhwehwɛ wʼatamfoɔ deɛ, nanso worenhunu wɔn. Wɔn a wɔtu wo so sa no rensɛ hwee koraa. 13Na mene Awurade, wo Onyankopɔn, deɛ ɔkura wo nsa nifa mu na ɔka kyerɛ wo sɛ, nsuro; mɛboa wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.