Yesaia 41:10
Isaiah 41:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ; mma wʼabasam mmu, na mene wo Onyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo; mede me tenenee nsa nifa bɛpagya wo.
Isaiah 41:10 in English
Isaiah 41:10 · Berean Standard Bible
Do not fear, for I am with you; do not be afraid, for I am your God. I will strengthen you; I will surely help you; I will uphold you with My right hand of righteousness.
Context
8“Nanso wo, Ao Israel, me ɔsomfoɔ,
Yakob, deɛ mayi no no,
mo, mʼadamfo Abraham asefoɔ. 9Mefaa wo firi nsase ano,
firi nʼakyirikyiri ntweaso, na mefrɛɛ wo.
Mekaa sɛ, ‘Woyɛ me ɔsomfoɔ’;
mapa wo na me ne wo wɔ hɔ. 10Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ;
mma wʼabasam mmu, na mene wo Onyankopɔn.
Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo;
mede me tenenee nsa nifa bɛpagya wo. 11“Wɔn a wɔn bo afu wo no nyinaa, ampa ara
wɔn ani bɛwu na wɔn anim agu ase;
wɔn a wɔtia wo no
rensɛ hwee na wɔbɛwu. 12Ɛwom sɛ wobɛhwehwɛ wʼatamfoɔ deɛ,
nanso worenhunu wɔn.
Wɔn a wɔtu wo so sa no
rensɛ hwee koraa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.