Native Bible

Isaiah 41:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Nanso wo, Ao Israel, me ɔsomfoɔ, Yakob, deɛ mayi no no, mo, mʼadamfo Abraham asefoɔ.

Isaiah 41:8 in English

Isaiah 41:8 · Berean Standard Bible

“But you, O Israel, My servant, Jacob, whom I have chosen, descendant of Abraham My friend—

Context

6na obiara boa ne yɔnko na ɔka kyerɛ ne nua sɛ, “Yɛ den!” 7Odwumfoɔ hyɛ sikadwumfoɔ nkuran, na deɛ ɔde asaeɛ yɛ no tromtrom boa deɛ ɔbɔ atomboɔ so. Ɔka fa ɔsɔ no ho sɛ, “Ɛyɛ pa ara.” Ɔbobɔ ohoni no mu nnadewa sɛdeɛ ɛrentu nhwe fam. 8“Nanso wo, Ao Israel, me ɔsomfoɔ, Yakob, deɛ mayi no no, mo, mʼadamfo Abraham asefoɔ. 9Mefaa wo firi nsase ano, firi nʼakyirikyiri ntweaso, na mefrɛɛ wo. Mekaa sɛ, ‘Woyɛ me ɔsomfoɔ’; mapa wo na me ne wo wɔ hɔ. 10Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ; mma wʼabasam mmu, na mene wo Onyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo; mede me tenenee nsa nifa bɛpagya wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.