Yesaia 41:6
Isaiah 41:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na obiara boa ne yɔnko na ɔka kyerɛ ne nua sɛ, “Yɛ den!”
Isaiah 41:6 in English
Isaiah 41:6 · Berean Standard Bible
Each one helps the other and says to his brother, “Be strong!”
Context
4Hwan na wayɛ yei akɔsi awieeɛ,
afrɛ awoɔ ntoatoasoɔ afiri mfitiaseɛ?
Me Awurade, mene Ahyɛaseɛ
ne Awieeɛ no. Mene ɔno ara.” 5Nsupɔ no ahunu na wɔbɔ hu;
nsase ano ho popo.
Wɔtwi bɛn, na wɔba anim; 6na obiara boa ne yɔnko
na ɔka kyerɛ ne nua sɛ, “Yɛ den!” 7Odwumfoɔ hyɛ sikadwumfoɔ nkuran,
na deɛ ɔde asaeɛ yɛ no tromtrom
boa deɛ ɔbɔ atomboɔ so.
Ɔka fa ɔsɔ no ho sɛ, “Ɛyɛ pa ara.”
Ɔbobɔ ohoni no mu nnadewa sɛdeɛ ɛrentu nhwe fam. 8“Nanso wo, Ao Israel, me ɔsomfoɔ,
Yakob, deɛ mayi no no,
mo, mʼadamfo Abraham asefoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.