Yesaia 41:16
Isaiah 41:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wobɛhuhu wɔn so, mframa bɛma wɔn so, na ahum abɔ wɔn akɔ. Nanso wʼani bɛgye wɔ Awurade mu na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no animuonyam.
Isaiah 41:16 in English
Isaiah 41:16 · Berean Standard Bible
You will winnow them, and a wind will carry them away; a gale will scatter them. But you will rejoice in the LORD; you will glory in the Holy One of Israel.
Context
14Nsuro, Ao, ɔsonsono Yakob,
Ao Israel a wo sua,
na mʼankasa mɛboa wo,” Awurade na ɔseɛ,
wo gyefoɔ, Israel Ɔkronkronni no. 15“Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhusoɔ apa,
a ɛyɛ mono, ano yɛ nnam na ɛwɔ ɛse bebree.
Wobɛhuhu mmepɔ no so na woadwiri wɔn,
na woama nkokoɔ ayɛ sɛ ntɛtɛ. 16Wobɛhuhu wɔn so, mframa bɛma wɔn so,
na ahum abɔ wɔn akɔ.
Nanso wʼani bɛgye wɔ Awurade mu
na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no animuonyam. 17“Ohiani ne mmɔborɔni kyini pɛ nsuo,
nanso ebi nni hɔ;
osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so awe.
Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuaeɛ.
Me, Israel Onyankopɔn, merennya wɔn. 18Mɛma nsubɔntene atene wɔ sorɔnsorɔmmea bonini no so,
na nsutire apue wɔ bɔnhwa mu.
Mɛdane anweatam ayɛ no nsubura,
na nsase a awo adane nsutire bebree.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.